Nnwom 69:19
Psalms 69:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim; wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa.
Psalms 69:19 in English
Psalms 69:19 · Berean Standard Bible
You know my reproach, my shame and disgrace. All my adversaries are before You.
Context
17Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ;
gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu. 18Twi bɛn me na gye me;
gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti. 19Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim;
wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa. 20Kasatia ahyɛ mʼakoma so
ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ;
mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi,
mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi. 21Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu,
osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.