Native Bible

Psalms 68:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka.

Psalms 68:15 in English

Psalms 68:15 · Berean Standard Bible

A mountain of God is Mount Bashan; a mountain of many peaks is Mount Bashan.

Context

13Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no, wɔnya afodeɛ no bi. Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.” 14Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so. 15Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka. 16Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ? 17Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.