Native Bible

Psalms 68:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.

Psalms 68:17 in English

Psalms 68:17 · Berean Standard Bible

The chariots of God are tens of thousands— thousands of thousands are they; the Lord is in His sanctuary as He was at Sinai.*

Context

15Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka. 16Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ? 17Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea. 18Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no, wode nnommumfoɔ kaa wo ho; wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ, firii atuatefoɔ hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn. 19Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.