Native Bible

Psalms 68:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.

Psalms 68:19 in English

Psalms 68:19 · Berean Standard Bible

Blessed be the Lord, who daily bears our burden, the God of our salvation. Selah

Context

17Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea. 18Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no, wode nnommumfoɔ kaa wo ho; wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ, firii atuatefoɔ hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn. 19Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no. 20Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa; na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu. 21Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.