Native Bible

Psalms 68:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.

Psalms 68:14 in English

Psalms 68:14 · Berean Standard Bible

When the Almighty * scattered the kings in the land, it was like the snow falling on Zalmon.

Context

12“Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so; na mmaa kyɛ afodeɛ no. 13Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no, wɔnya afodeɛ no bi. Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.” 14Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so. 15Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka. 16Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.