Native Bible

Psalms 65:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.

Psalms 65:2 in English

Psalms 65:2 · Berean Standard Bible

O You who listen to prayer, all people will come to You.

Context

1Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so. 2Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba. 3Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn. 4Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.