Native Bible

Psalms 65 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 65
1Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so. 2Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba. 3Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn. 4Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no. 5Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ ne ɛpo so akyirikyiri nso. 6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ de daa wʼahoɔden adi. 7Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ, asorɔkye no a ɛbobɔ ne amanaman no hooyɛ. 8Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ. 9Wohwɛ asase no gugu so nsuo; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane. Sɛdeɛ woayɛ no nie. 10Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee na wokaa nkofie no sram so; wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ na wohyiraa ɛso afifideɛ. 11Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so. 12Ɛserɛ so wira dɔɔso na anigyeɛ baa nkokoɔ so. 13Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma na ayuo akata mmɔnhwa no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.