Nnwom 65:8
Psalms 65:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.
Psalms 65:8 in English
Psalms 65:8 · Berean Standard Bible
Those who live far away fear Your wonders; You make the dawn and sunset shout for joy.*
Context
6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ
de daa wʼahoɔden adi. 7Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ,
asorɔkye no a ɛbobɔ
ne amanaman no hooyɛ. 8Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ.
Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ,
wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ. 9Wohwɛ asase no gugu so nsuo;
woma no yɛ asase pa ma ɛboro so.
Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma
sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane.
Sɛdeɛ woayɛ no nie. 10Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee
na wokaa nkofie no sram so;
wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ
na wohyiraa ɛso afifideɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.