Nnwom 65:5
Psalms 65:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ ne ɛpo so akyirikyiri nso.
Psalms 65:5 in English
Psalms 65:5 · Berean Standard Bible
With awesome deeds of righteousness You answer us, O God of our salvation, the hope of all the ends of the earth and of the farthest seas.
Context
3Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no,
wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn. 4Nhyira nka wɔn a woyi wɔn
ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ!
Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma,
deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no. 5Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ,
Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa.
Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ
ne ɛpo so akyirikyiri nso. 6Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ
de daa wʼahoɔden adi. 7Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ,
asorɔkye no a ɛbobɔ
ne amanaman no hooyɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.