Nnwom 62:7
Psalms 62:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
Psalms 62:7 in English
Psalms 62:7 · Berean Standard Bible
My salvation and my honor rest on God, my strong rock; my refuge is in God.
Context
5Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ. 6Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;
ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim. 7Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;
ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea. 8Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;
monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea. 9Nnipa nyinaa te sɛ home;
akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee;
sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;
wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.