Nnwom 62:5
Psalms 62:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
Psalms 62:5 in English
Psalms 62:5 · Berean Standard Bible
Rest in God alone, O my soul, for my hope comes from Him.
Context
3Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn?
Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa?
Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so. 4Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me
afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so;
wɔn ani gye atorɔ die ho.
Wɔde wɔn ano hyira
na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome. 5Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ. 6Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;
ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim. 7Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;
ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.