Nnwom 62:3
Psalms 62:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn? Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa? Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so.
Psalms 62:3 in English
Psalms 62:3 · Berean Standard Bible
How long will you threaten a man? Will all of you throw him down like a leaning wall or a tottering fence?
Context
1Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn. 2Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;
ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da. 3Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn?
Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa?
Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so. 4Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me
afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so;
wɔn ani gye atorɔ die ho.
Wɔde wɔn ano hyira
na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome. 5Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.