Native Bible

Psalms 62:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.

Psalms 62:2 in English

Psalms 62:2 · Berean Standard Bible

He alone is my rock and my salvation. He is my fortress; I will never be shaken.

Context

1Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn. 2Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da. 3Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn? Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa? Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so. 4Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorɔ die ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.