Native Bible

Psalms 62:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.

Psalms 62:6 in English

Psalms 62:6 · Berean Standard Bible

He alone is my rock and my salvation; He is my fortress; I will not be shaken.

Context

4Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorɔ die ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome. 5Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ. 6Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim. 7Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea. 8Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.