Native Bible

Psalms 51:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.

Psalms 51:5 in English

Psalms 51:5 · Berean Standard Bible

Surely I was brought forth in iniquity; I was sinful when my mother conceived me.

Context

3Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa. 4Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu. 5Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me. 6Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ. 7Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.