Native Bible

Psalms 51:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa.

Psalms 51:3 in English

Psalms 51:3 · Berean Standard Bible

For I know my transgressions, and my sin is always before me.

Context

1Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato. 2Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa na te me ho firi me bɔne mu! 3Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa. 4Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu. 5Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.