Nnwom 51:6
Psalms 51:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.
Psalms 51:6 in English
Psalms 51:6 · Berean Standard Bible
Surely You desire truth in the inmost being; You teach me wisdom in the inmost place.
Context
4Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara
na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,
enti, wodi bem wɔ wo kasa mu
na wotene wɔ wʼatemmuo mu. 5Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,
na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me. 6Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu.
Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ. 7Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte;
dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma. 8Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;
na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.