Native Bible

Psalms 50:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no; na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ.

Psalms 50:18 in English

Psalms 50:18 · Berean Standard Bible

When you see a thief, you befriend him, and throw in your lot with adulterers.

Context

16Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm na mʼapam da mo ano? 17Mokyiri me nkyerɛkyerɛ na moto me nsɛm gu mo akyi. 18Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no; na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ. 19Mode mo ano yɛ bɔne na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano. 20Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara na mosopa mo ankasa maame ba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.