Nnwom 50:20
Psalms 50:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara na mosopa mo ankasa maame ba.
Psalms 50:20 in English
Psalms 50:20 · Berean Standard Bible
You sit and malign your brother; you slander your own mother’s son.
Context
18Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no;
na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ. 19Mode mo ano yɛ bɔne
na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano. 20Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara
na mosopa mo ankasa maame ba. 21Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee,
enti mosusu sɛ mete sɛ mo.
Nanso mɛka mo anim
na mede mo soboɔ asi mo anim. 22“Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn,
anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.