Nnwom 50:16
Psalms 50:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm na mʼapam da mo ano?
Psalms 50:16 in English
Psalms 50:16 · Berean Standard Bible
To the wicked, however, God says, “What right have you to recite My statutes and to bear My covenant on your lips?
Context
14Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn,
na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so, 15na momfrɛ me da hiada;
na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.” 16Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ,
“Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm
na mʼapam da mo ano? 17Mokyiri me nkyerɛkyerɛ
na moto me nsɛm gu mo akyi. 18Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no;
na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.