Nnwom 44:4
Psalms 44:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn, deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob.
Psalms 44:4 in English
Psalms 44:4 · Berean Standard Bible
You are my King, O God, who ordains victories for Jacob.
Context
2Wode wo nsa pamoo amanaman no
na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ;
wodwerɛɛ nnipa no
na womaa yɛn agyanom dii yie. 3Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no,
na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie;
ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,
ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn. 4Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn,
deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob. 5Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ;
wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ. 6Meremfa me ho nto mʼagyan so
mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.