Native Bible

Psalms 44:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.

Psalms 44:3 in English

Psalms 44:3 · Berean Standard Bible

For it was not by their sword that they took the land; their arm did not bring them victory. It was by Your right hand, Your arm, and the light of Your face, because You favored them.

Context

1Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so, wɔ tete mmerɛ no mu. 2Wode wo nsa pamoo amanaman no na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ; wodwerɛɛ nnipa no na womaa yɛn agyanom dii yie. 3Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn. 4Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn, deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob. 5Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ; wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.