Nnwom 44:1
Psalms 44:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so, wɔ tete mmerɛ no mu.
Psalms 44:1 in English
Psalms 44:1 · Berean Standard Bible
We have heard with our ears, O God; our fathers have told us the work You did in their days, in the days of old.
Context
1Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate;
yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn;
deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so,
wɔ tete mmerɛ no mu. 2Wode wo nsa pamoo amanaman no
na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ;
wodwerɛɛ nnipa no
na womaa yɛn agyanom dii yie. 3Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no,
na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie;
ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa,
ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.