Native Bible

Psalms 42:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.

Psalms 42:8 in English

Psalms 42:8 · Berean Standard Bible

The LORD decrees His loving devotion by day, and at night His song is with me as a prayer to the God of my life.

Context

6Me kra aboto wɔ me mu enti mɛkae wo firi Yordan asase so, Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so. 7Ebunu kɔ ebunu mu wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. 8Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa. 9Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?” 10Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, daa nyinaa wɔbisa me sɛ, “Wo Onyankopɔn wɔ he?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.