Nnwom 42:10
Psalms 42:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, daa nyinaa wɔbisa me sɛ, “Wo Onyankopɔn wɔ he?”
Psalms 42:10 in English
Psalms 42:10 · Berean Standard Bible
Like the crushing of my bones, my enemies taunt me, while they say to me all day long, “Where is your God?”
Context
8Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;
adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.
Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa. 9Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ,
“Adɛn enti na wo werɛ afiri me?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo,
mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?” 10Me nnompe te yea sɛ ɔdasani.
Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti,
daa nyinaa wɔbisa me sɛ,
“Wo Onyankopɔn wɔ he?” 11Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?
Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.