Native Bible

Psalms 42:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”

Psalms 42:9 in English

Psalms 42:9 · Berean Standard Bible

I say to God my Rock, “Why have You forgotten me? Why must I walk in sorrow because of the enemy’s oppression?”

Context

7Ebunu kɔ ebunu mu wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. 8Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ; adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa. 9Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?” 10Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, daa nyinaa wɔbisa me sɛ, “Wo Onyankopɔn wɔ he?” 11Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.