Nnwom 42:7
Psalms 42:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ebunu kɔ ebunu mu wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
Psalms 42:7 in English
Psalms 42:7 · Berean Standard Bible
Deep calls to deep in the roar of Your waterfalls; all Your breakers and waves have rolled over me.
Context
5Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?
Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. 6Me kra aboto wɔ me mu
enti mɛkae wo
firi Yordan asase so,
Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so. 7Ebunu kɔ ebunu mu
wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu;
wʼasorɔkye nyinaa
abu afa me so. 8Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;
adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.
Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa. 9Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ,
“Adɛn enti na wo werɛ afiri me?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo,
mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.