Nnwom 40:13
Psalms 40:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.
Psalms 40:13 in English
Psalms 40:13 · Berean Standard Bible
Be pleased, O LORD, to deliver me; hurry, O LORD, to help me.
Context
11Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so;
ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa. 12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;
mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio.
Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,
na mʼakoma aboto wɔ me mu. 13Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me;
Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me. 14Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa,
ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no,
wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. 15Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no,
ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.