Native Bible

Psalms 40:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio. Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na mʼakoma aboto wɔ me mu.

Psalms 40:12 in English

Psalms 40:12 · Berean Standard Bible

For evils without number surround me; my sins have overtaken me, so that I cannot see. They are more than the hairs of my head, and my heart has failed within me.

Context

10Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu; meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm. Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase. 11Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so; ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa. 12Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio. Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na mʼakoma aboto wɔ me mu. 13Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me. 14Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no, wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.