Native Bible

Psalms 40:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no, ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.

Psalms 40:15 in English

Psalms 40:15 · Berean Standard Bible

May those who say to me, “Aha, aha!” be appalled at their own shame.

Context

13Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me. 14Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no, wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. 15Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no, ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho. 16Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ, “Momma Awurade so!” 17Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwene me ho. Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.