Nnwom 33:19
Psalms 33:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.
Psalms 33:19 in English
Psalms 33:19 · Berean Standard Bible
to deliver them from death and keep them alive in famine.
Context
17Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;
nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. 18Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,
wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, 19sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu
na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu. 20Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade;
ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm. 21Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,
ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.