Native Bible

Psalms 33:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

Psalms 33:18 in English

Psalms 33:18 · Berean Standard Bible

Surely the eyes of the LORD are on those who fear Him, on those whose hope is in His loving devotion

Context

16Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no; ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi. 17Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. 18Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, 19sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu. 20Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.