Nnwom 33:17
Psalms 33:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.
Psalms 33:17 in English
Psalms 33:17 · Berean Standard Bible
A horse is a vain hope for salvation; even its great strength cannot save.
Context
15Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma,
enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa. 16Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no;
ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi. 17Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;
nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. 18Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,
wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, 19sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu
na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.