Native Bible

Psalms 25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 25
1Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo; 2wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to. Mma mʼanim ngu ase na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim. 3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara ani renwu da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no anim bɛgu ase. 4Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade, na me nhunu wʼatempɔn. 5Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ, na mʼani da wo so daa nyinaa. 6Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ a ɛwɔ hɔ firi tete no. 7Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne ne mʼatuateɛ akwan; kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ. 8Awurade yɛ, na ɔtene; enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan. 9Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ. 10Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ. 11Ao Awurade, me bɔne so deɛ, nanso wo din enti, fa kyɛ me. 12Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no. 13Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu, na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ. 14Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no; na ɔma wɔhunu nʼapam. 15Mʼani da Awurade so daa, ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu. 16Dane wʼani hwɛ me, na dom me, ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ. 17Mʼakoma mu dadwene adɔɔso; yi me dadwene firi me so. 18Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa firi me so. 19Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me! 20Bɔ me nkwa ho ban na gye me. Mma mʼanim ngu ase, ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo. 21Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban, ɛfiri sɛ mʼani da wo so. 22Gye Israel, Ao Onyankopɔn, firi wɔn haw nyinaa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.