Nnwom 25:7
Psalms 25:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne ne mʼatuateɛ akwan; kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ.
Psalms 25:7 in English
Psalms 25:7 · Berean Standard Bible
Remember not the sins of my youth, nor my rebellious acts; remember me according to Your loving devotion, because of Your goodness, O LORD.
Context
5Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me,
ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ,
na mʼani da wo so daa nyinaa. 6Kae, Ao Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ
a ɛwɔ hɔ firi tete no. 7Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne
ne mʼatuateɛ akwan;
kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
Ao Awurade, ɛfiri sɛ wo yɛ. 8Awurade yɛ, na ɔtene;
enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan. 9Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so
na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.