Nnwom 25:18
Psalms 25:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa firi me so.
Psalms 25:18 in English
Psalms 25:18 · Berean Standard Bible
Consider my affliction and trouble, and take away all my sins.
Context
16Dane wʼani hwɛ me, na dom me,
ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ. 17Mʼakoma mu dadwene adɔɔso;
yi me dadwene firi me so. 18Hwɛ me haw ne mʼahohiahia
na yi me bɔne nyinaa firi me so. 19Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso
ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me! 20Bɔ me nkwa ho ban na gye me.
Mma mʼanim ngu ase,
ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.