Nnwom 25:13
Psalms 25:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu, na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ.
Psalms 25:13 in English
Psalms 25:13 · Berean Standard Bible
His soul will dwell in prosperity, and his descendants will inherit the land.
Context
11Ao Awurade, me bɔne so deɛ,
nanso wo din enti, fa kyɛ me. 12Enti hwan ne onipa a ɔsuro Awurade?
Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no. 13Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu,
na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ. 14Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no;
na ɔma wɔhunu nʼapam. 15Mʼani da Awurade so daa,
ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.