Nnwom 25:3
Psalms 25:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara ani renwu da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no anim bɛgu ase.
Psalms 25:3 in English
Psalms 25:3 · Berean Standard Bible
Surely none who wait for You will be put to shame; but those who are faithless without cause will be disgraced.
Context
1Ao Awurade, mema me kra so kyerɛ wo; 2wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to.
Mma mʼanim ngu ase
na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim. 3Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara
ani renwu da,
mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no
anim bɛgu ase. 4Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade,
na me nhunu wʼatempɔn. 5Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me,
ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ,
na mʼani da wo so daa nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.