Nnwom 125
Psalms 125 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion,
a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa. 2Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,
saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia
seesei ne daa. 3Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a
wɔde ama teneneefoɔ so.
Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ
nam wɔn so bɛyɛ bɔne. 4Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa,
wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa. 5Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ,
Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.
Asomdwoeɛ nka Israel.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.