Nnwom 124
Psalms 124 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a,
ma Israel nka. 2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa
ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, 3ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,
anka wɔmenee yɛn anikann; 4anka nsuyire no bu faa yɛn so,
anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, 5anka nsuo a ano yɛ den no
afa yɛn kɔ. 6Nkamfoɔ nka Awurade a
wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. 7Yɛadwane sɛ anomaa
afiri afirisumfoɔ afidie mu;
afidie no mu abubu,
ama yɛanya ɛkwan adwane. 8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu,
ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.