Native Bible

Psalms 126 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 126
1Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ. 2Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.” 3Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma. 4Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no. 5Wɔn a wɔdua no nisuo mu no de anigyeɛ nnwom bɛtwa. 6Deɛ ɔde osu firi adie na ɔsoa aba kɔdua no, ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.