Nnwom 113
Psalms 113 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
1Monkamfo Awurade.
Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no,
monkamfo Awurade din. 2Momma wɔnkamfo Awurade din,
seesei ne daa nyinaa. 3Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ,
ma wɔnkamfo Awurade din. 4Wɔama Awurade so aman nyinaa so,
nʼanimuonyam tra ɔsorosoro. 5Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn,
Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro, 6ɔno na ɔbɔ ne mu ase
hwɛ ɔsorosoro ne asase. 7Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu
na ɔpagya onnibie firi nso sie so; 8ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,
wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu. 9Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie
sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ.
Monkamfo Awurade.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.