Native Bible

Psalms 114 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nnwom 114
1Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no, 2Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼahemman. 3Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, Yordan sanee nʼakyi; 4Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. 5Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, 6mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? 7Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Onyankopɔn anim, 8ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.