Nnwom 114:5
Psalms 114:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, Ao Yordan, na wosanee wʼakyi,
Psalms 114:5 in English
Psalms 114:5 · Berean Standard Bible
Why was it, O sea, that you fled, O Jordan, that you turned back,
Context
3Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ,
Yordan sanee nʼakyi; 4Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini
nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. 5Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ,
Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, 6mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini,
na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? 7Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim,
wɔ Yakob Onyankopɔn anim,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.