Native Bible

Psalms 106:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

Psalms 106:7 in English

Psalms 106:7 · Berean Standard Bible

Our fathers in Egypt did not grasp Your wonders or remember Your abundant kindness; but they rebelled by the sea, there at the Red Sea.*

Context

5na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo. 6Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm. 7Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 8Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa, sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi. 9Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.