Nnwom 106:6
Psalms 106:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.
Psalms 106:6 in English
Psalms 106:6 · Berean Standard Bible
We have sinned like our fathers; we have done wrong and acted wickedly.
Context
4Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me.
Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me, 5na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa,
na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa
na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo. 6Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no;
yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm. 7Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no,
wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho;
wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no,
na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 8Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa,
sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.