Native Bible

Psalms 106:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.

Psalms 106:5 in English

Psalms 106:5 · Berean Standard Bible

that I may see the prosperity of Your chosen ones, and rejoice in the gladness of Your nation, and give glory with Your inheritance.

Context

3Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ. 4Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me. Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me, 5na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo. 6Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm. 7Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.