Native Bible

Psalms 106:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ.

Psalms 106:3 in English

Psalms 106:3 · Berean Standard Bible

Blessed are those who uphold justice, who practice righteousness at all times.

Context

1Monkamfo Awurade! Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 2Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ? Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie? 3Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ. 4Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me. Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me, 5na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.