Native Bible

Psalms 106:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.

Psalms 106:9 in English

Psalms 106:9 · Berean Standard Bible

He rebuked the Red Sea, and it dried up; He led them through the depths as through a desert.

Context

7Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 8Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa, sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi. 9Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so. 10Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam; deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ. 11Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so; na ɔbaako mpo annya nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.