Native Bible

Psalms 106:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.

Psalms 106:42 in English

Psalms 106:42 · Berean Standard Bible

Their enemies oppressed them, and subdued them under their hand.

Context

40Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ; na ɔkyirii nʼagyapadeɛ. 41Ɔdanee wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfoɔ dii wɔn so. 42Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase. 43Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn, nanso wɔkɔɔ so tee atua na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu. 44Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.